Museke,

ትርጉም የ "Obrafuor - Kwame Nkrumah"

"Obrafuor - Kwame Nkrumah" ረዳት።

"Obrafuor - Kwame Nkrumah" ዘፈን ሁን።
ይሄ ቋንቋ የ ይሄ ዘፈን አካን ሁን።

ትርጉም

Kwame Nkrumah መሪ የ አፍሪካን ሁን።
Kwame Nkrumah ይሄ ነጻነት የ ጋና ማሸነፍ።
Obrafuor Kwame Nkrumah ምስጋና።

ቃላቶች

Verse 1
Yɛkɔgyina baabi na sɛ yɛfrɛ mo a na nyɛ adebɔne
Ghanaman mu ha, yɛbu yɛ nne, yɛpɛ nkwankyerɛne
Nsɛnkyerenee kyerɛ sɛ Ghanaman no ɛmpɛ nsɛmmɔne
Kofi babɔne, mebɔ kɔkɔ gyae ne bɔne
Kyerɛma asantebɔ sɛ Ghanaman sɛ montie
Me nie, Obrafoɔ, mewɔ fahodie
Nkrumah mmɔdenmmɔ, nkunimdie
Hunu sɛ, yɛn ara asaase ni, ɛyɛ abɔdenden ma yɛn
Mogya a nananom hwie gu nyinaa de too hɔ ma yɛn
Dom yɛn, boa yɛn, gye yɛn
Aduru me ne wo so sɛ yɛ nso bɛyɛ bi atoa soɔ
Muamua so, kata so, ɔman mu deɛ ɛmma so
Ɛnnɛ yɛbisa wo deɛ woayɛ ama ɔman Ghana, wobɛka sɛn?
Lɔyafoɔ, dɔktafoɔ, ma memmisa nɛɛsefoɔ
Adwadifoɔ, draevafoɔ, ma memmisa fitafoɔ
Ɛkwaafoɔ, teelafoɔ, ma memmisa baabafoɔ
Solgyafoɔ, tikyafoɔ, ma memmisa sukuufoɔ
Ɔbrafoɔ, Ghana rap sofoɔ
Mese mesrɛ amanfoɔ
Monyinaa nyɛ baako
Ɛfiri sɛ yɛte faako
Prayɛ wɔ yi, woyi baako a na ɛbu
Wokabɔ mu a, ɛmbu
Kɔbia Asante Kɔtɔkɔ, wokum apem a, apem bɛba is the motto
Yɛnfa nkɔto lotto
Panin mu mmofra, yɛse monya ntoboaseɛ ne ahobraseɛ
Monyi nidie na monkoto
Bible kyerɛ sɛ di wo agya ne wo na ani
Wo nkwa na so aware wɔ asaase yi so
Ɛnti monyɛ brɛbrɛo
Ghana yɛ me ne wo dea
Na sɛ yɛkabɔ mu a, na ɛbɛyɛ yie

Chorus 2x

Tweduampɔn K wame, nsa, yao
Osoro ne asaase yaa, nsa, yao
Nananom nsamanfoɔ nsa, yao
Yɛnyi Kwame Nkrumah paɛ
Ghanafoɔ e

Wo wɔ he, gyina nkyɛn, ɔfoforo twen mmɛn
Megyina ha ma Ghana,
Mefrɛ Ɔsagyefo Dr Kwame Nkrumah

Verse 2
Yɛbɔ wo din, wo deɛ woyɛ ntin
Wode wo nyansa na ɛgyee Ghana too hɔ bɛyɛɛ ɔhene
Ɛwim mu, yɛdinn, borɔfo koma bobirim
Ɛfiri sɛ wɔhunu sɛ w'akokoduro dɔɔ so te sɛ nwi
Dr Kwame Nkrumah, wodeɛ wo nyansa te sɛ nsoroma
Afrikaman mu nyinaa yɛgye wo tumu sɛ wonim nwoma
Baakɔma, woanni ate, ɔsabarima
Woanni efiri te sɛ aborɔnoma
W'adom ne wo adaworoma ama Ghana anya fahodie
Wiase amansan nyinaa mo nso monyɛ aso na montie
Brekete, bibini ni ma wo homene so
Brekete, adehyeman ma wo homene so
Brekete, Asante ni ma wo homene so
Brekete, Fante ni ma wo homene so (Ghanafoɔ e!)
Brekete, Ayigbe ni ma wo homene so
Brekete, Kwahu ni ma wo homene so
Hausa, Akuapem, Akyem, Bono, Dagomba, Nkran
Ghanafoɔ nyinaa (Ghanafoɔ e!)
Afei merebɛgu nsa
Ɔsagyefo Dr Kwame Nkrumah, bra bɛgye nsa
Nananom mpaninfoɔ a mode mo kra too hɔ gye
Ghanaman maa yɛn nso, yɛɛto nsa
Afrɛ mo ne Ghana abusua biara nsamanfoɔ sɛ mommɛgye nsa
Monnyina ɛkyɛ di, gyinapa, yɛsrɛ sɛ mommɔ ɔdɔ nsa
Nipa bɔne a ɛka ne nko a
Ɔman Ghana anim bɛ gu aseɛ deɛ
Momma memmɔ ne tiri so
Ɔman Ghana nkwa so
Ɔmanpanin nkwa so
Ɔbrafoɔ me nkwa so
Amammerɛ kwan so, yɛnkɔ

Repeat Chorus till fade

(The Last two)

© Obrafour

<< የበፊት፣ የድሮ | ቀጥሎ >>